Revelation of John 13

Mmoa abien bi

1Afei mihui sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a, na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so a, nsɛmmɔne din bobɔ ti no ho. 2Aboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ne tumi ne nʼahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no.

3Mihui sɛ wɔapira ne ti no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuru no, nanso na kuru no awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi. 4Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, “Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?”

5Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa nsɛmmɔne akɛseakɛse, na wɔmaa no kwan ma onyaa tumi abosom aduanan abien. 6Ofitii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte soro nyinaa. 7Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi. 8Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no a, ase kyerɛ sɛ, obiara a wankyerɛw ne din ansa na wɔrebɔ wiase anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguammaa a wokum no no mu no.

9“Tie, wo a wowɔ aso, betie. 10Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wokum no nkrante ano no, wobekum no. Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo.”

11Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ. 12Osi nʼananmu di tumi te sɛ aboa a odi kan no pɛ na ɔma asase ne ɛso nnipa som aboa a odi kan no a nʼapirakuru no awu no. 13Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fi soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. 14Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde nkrante piraa no nanso nʼapirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam. 15Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan ohoni no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.

16Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae. 17Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae.

18Eyi hia ma nyansa. Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aboa no ase efisɛ, nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia asia.

Copyright information for TwiNAK